Publicidade

Salmos 19

Dawid dwom.

1 Ɔsoro ka Onyankopɔn animuonyam ho asɛm!

Ewiem pae mu ka ne nsa ano adwuma,

2 Ɛda biara, wɔkasa;

anadwo biara, wɔkyerɛ nimdeɛ.

3 Ɔkasa anaa nsɛm nnim

na wɔnnte wɔn nne.

4 Nanso wɔn asɛm akɔduru asase so mmaa nyinaa,

wɔn nsɛm nso akɔduru asase ano.

ɔsoro , wasi ntomadan ama owia,

5 a ɔte ayeforɔkunu a ɔfiri ne pia mu,

te ɔbrane a ne ho pere no ɔbɛtu ne mmirika.

6 Ɛpue ɔsoro fa baabi

na atwa ne ho akɔsi ano;

biribiara nhinta ne hyeɛ.

7 Awurade mmara ,

ɛkanyane ɔkra no.

Ahotosoɔ Awurade nhyehyɛeɛ mu,

ɛma deɛ ɔnnim nyansa hunu nyansa.

8 Awurade ahyɛdeɛ tene;

ɛma akoma mu anigyeɛ.

Awurade ɔhyɛ nsɛm mu da ;

na ɛbue ani.

9 Awurade suro kronn,

ɛte daa.

Awurade mmaransɛm nokorɛ

na ne nyinaa tene.

10 Ɛsom bo sene sikakɔkɔɔ

sene sikakɔkɔɔ amapa mpo;

ɛyɛ sene ɛwoɔ,

sene ɛwoɔ a ɛfiri ɛwokyɛm mu.

11 Wɔnam so wo ɔsomfoɔ kɔkɔ ,

ɛsodie so akatua bebree.

12 Hwan na ɔhunu nʼankasa mfomsoɔ?

Fa me mfomsoɔ a ahinta kyɛ me.

13 wʼakoa ho ban firi ɔboayɛ bɔne ho,

na anhyɛ me so.

Ɛno na ɛbɛma madi bem,

a merenni bɔne akɛseɛ ho.

14 Ma mʼanom nsɛm ne mʼakoma mu mpaeɛbɔ

nyɛ deɛ ɛsɔ wʼani, Ao Awurade

me Botan ne me Gyefoɔ.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-