Publicidade

Salmos 21

Dawid dwom.

1 Ao Awurade, ɔhene no anigye wʼahoɔden mu.

Nʼani gye mmorosoɔ nkonimdie a wo ma no nti!

2 Woama no deɛ nʼakoma ;

woamfa nʼabisadeɛ ankame no.

3 Wode nhyira a ɛdi mu hyiaa no

na wode sikakɔkɔɔ amapa ahenkyɛ hyɛɛ no.

4 Ɔbisaa wo nkwa, na wode maa no,

nna tentene a ɛnni awieeɛ.

5 Nkonimdie a woma no enti, nʼanimuonyam so;

wode kɛseyɛ ne anidie adom no.

6 Ampa ara, woama no nhyira a ɛnsa da

na wo nsrahwɛ ama me ho ahosɛpɛ me.

7 Ɔhene no de ne ho to Awurade so;

Ɔsorosoroni no nokorɛ no enti,

Ɔhene renhinhim.

8 Wo nsa bɛka wʼatamfoɔ nyinaa;

wo nsa nifa bɛsɔ wɔn a wɔkyiri woɔ mu.

9 Ɛberɛ a wobɛyi wo ho adi no

wobɛyɛ wɔn fononoo a emu adɔ.

Awurade firi nʼabufuhyeɛ mu bɛmene wɔn,

na ne ogya no ahye wɔn.

10 Wobɛtɔre wɔn ase asase so,

na wɔn asefoɔ afiri adasamma mu.

11 Ɛwom wɔbɔ tia wo

na wɔyɛ nhyehyɛeɛ bɔne, nanso wɔrenni nkonim;

12 ɛfiri wobɛma wɔasane wɔn akyi

ɛberɛ a woatwe bɛmma akyerɛ wɔn so.

13 Yɛma wo so, Ao Awurade, wʼahoɔden mu;

yɛbɛto nnwom na yɛakamfo wo kɛseyɛ.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto "Adekyeeɛ foroteɛ" dwom.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-