Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 24

Dawid dwom.

1 Asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa Awurade dea;

ewiase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa no;

2 ɛfiri ɔno na ɔtoo ne fapem ɛpo so

na ɔde sii nsuo ani.

3 Hwan na ɔbɛtumi aforo Awurade bepɔ no?

Hwan na ɔbɛtumi agyina ne tenabea kronkron ?

4 Deɛ ɔyɛ ade tenenee na nʼakoma mu teɛ,

deɛ ne kra nni ahoni akyi

na ɔnnka ntanhunu.

5 Ɔbɛnya Awurade nsam nhyira

ne bembuo a ɛfiri ne Nkwagyeɛ Onyankopɔn.

6 Saa na awoɔ ntoatoasoɔ a wɔhwehwɛ Awurade no teɛ,

wɔn a wɔhwehwɛ wʼanim no, Ao Yakob Onyankopɔn.

7 Mo apono, mommuebue

mommuebue, mo tete apono,

na Animuonyam Ɔhene nhyɛne mu.

8 Hwan ne saa Animuonyam Ɔhene yi?

Ɔno ne Awurade ɔhoɔdenfoɔ ne otumfoɔ no;

Awurade a ɔyɛ ɔko mu nkonimdifoɔ.

9 Mommuebue, Ao mo apono

mommuebue, mo tete apono,

na animuonyam Ɔhene no nkɔ mu.

10 Hwan ne saa animuonyam Ɔhene yi?

Asafo Awurade no,

ɔno ne animuonyam Ɔhene no.

Veja também