Dawid dwom a ɔtoeɛ ɛberɛ a ɔboa pa danee ɔbɔdamfoɔ wɔ Abimelek anim no na ɔpanin no gyaee no ma ɔkɔeɛ no akyi.
1 Mede aseda bɛma Awurade berɛ nyinaa;
nʼayɛyie wɔ mʼanom daa.
2 Me kra bɛhoahoa ne ho wɔ Awurade mu;
ma amanehunufoɔ nte na wɔn nni ahurisie.
3 Mo ne me nkamfo Awurade;
momma yɛmmɔ mu nkamfo ne din!