Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 38

Dawid dwom. Adesrɛ.

1 Ao Awurade, nka mʼanim wʼabofuo mu

na ntwe mʼaso wʼabufuhyeɛ mu.

2 Wo bɛmma ahwire me mu,

na wo nsa adwerɛ me.

3 Wʼabofuhyeɛ no enti, ahoɔden biara nni me mu;

me bɔne enti, me nnompe ahodwo.

4 Mʼafɔdie amene me

te adesoa a emu duru dodo.

5 Mʼakuro bɔn na aporɔ

ɛsiane me bɔne mu agyimisɛm enti.

6 Makoto na wɔabrɛ me ase;

da mu nyinaa menantenante twa agyaadwoɔ.

7 Mʼakyi dompe mu yea boro so:

ahoɔden biara nni me onipadua mu.

8 Mabrɛ na mapɛkyɛ koraa.

Mʼakoma mu yea ma me si apinie.

9 Ao Awurade, deɛ merehwɛ anim nyinaa da wʼanim;

mʼapinisie nhintaa wo.

10 Mʼakoma paripari, na mʼahoɔden asa

mpo mʼaniwa aduru sum.

11 Mʼapirakuro enti me nnamfonom ne mʼayɔnkofoɔ mmɛn me;

mʼafipamfoɔ twe wɔn ho firi me ho.

12 Wɔn a wɔpɛ wɔkum me no sum me mfidie,

wɔn a wɔpɛ wɔha me no di me sɛeɛ ho nkɔmmɔ.

Ɛda mu nyinaa wɔdwene nnaadaasɛm ho.

13 Mete ɔsotifoɔ a ɔnte asɛm,

mete mumu a ɔntumi nkasa.

14 Mayɛ obi a ɔnte asɛm,

deɛ nʼano ntumi mma mmuaeɛ.

15 Ao Awurade, meretwɛn wo;

Ao Awurade me Onyankopɔn, wobɛgye me so.

16 Mekaa , "Mma wɔn ani nnye;

anaa mma wɔnhoahoa wɔn ho me nan a awatiri no enti."

17 Mereyɛ mahwe ase,

na me yea da so me mu.

18 Meka me mfomsoɔ kyerɛ;

me bɔne hyɛ me so.

19 Bebree na wɔyɛ mʼatamfoɔ;

wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso.

20 Wɔn a wɔde bɔne tua me papa so ka no

me ahohora ɛberɛ a mereyɛ papa.

21 Ao, Awurade nnya me.

Ao me Onyankopɔn, nkɔ akyiri!

22 Bra ntɛm bɛboa me,

Awurade, mʼAgyenkwa.

Wɔde ma ɔdwomkyerɛfoɔ no. Yedutun.

Veja também