Publicidade

Salmos 4

Dawid dwom.

1 mesu frɛ wo a, gye me so,

Ao, me tenenee Onyankopɔn.

Ma me ahomegyeɛ mʼahohia mu;

hunu me mmɔbɔ na tie me mpaeɛbɔ.

2 Ao mmarima, ɛnkɔsi da bɛn na mo bɛdane mʼanimuonyam ahohora?

Ɛnkɔsi da bɛn na mobɛdɔ nneɛma hunu na moadi ahoni huhuo akyi?

3 Hunu Awurade ayi deɛ ɔwɔ nyamesu ama ne ho;

Awurade bɛtie, mesu mefrɛ no a.

4 Mo bo fu a, monnyɛ bɔne;

modeda mo mpa so a,

monyɛ komm na monhwehwɛ mo akoma mu.

5 Mommɔ afɔdeɛ a ɛfata

na momfa mo werɛ nhyɛ Awurade mu.

6 Nnipa bebree bisa :

"Hwan na ɔbɛtumi ayɛ yɛn adɔeɛ?"

Ao Awurade, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so.

7 Wode anigyeɛ mmorosoɔ ahyɛ mʼakoma ma

asene ɛberɛ a wɔn aburoo ne nsã foforɔ abu so no.

8 Mɛtɔ , na mada asomdwoeɛ mu,

ɛfiri , wo nko ara, Ao Awurade,

na woma metena asomdwoeɛ mu.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ wɔmfa atɛntɛbɛn nto.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-