1 Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea ne yɛn ahoɔden,
amanehunu mu ɔboafoɔ a ɔwɔ hɔ ɛberɛ biara.
2 Enti sɛ asase ani dane butu
na mmepɔ tutu kɔgu ɛpo ase a, yɛrensuro,
3 sɛ ɛpo bɔ asorɔkye na ɛhuru
na ɛma nkokoɔ woso mpo a, yɛrensuro.
6 Amanaman yɛ hoo, na ahennie hwehwe ase;
ɔma ne nne so ma asase nane.
10 Monyɛ komm na monhunu sɛ me ne Onyankopɔn;
wɔbɛma me so wɔ amanaman no mu,
wɔbɛma me so wɔ asase so.