Publicidade

Salmos 47

Kora mma dwom.

1 Amanaman nyinaa, mommɔ mo nsam;

momfa anigyeɛ nteam mfrɛ Onyankopɔn.

2 Awurade Ɔsorosoroni no ho nwanwa,

Ɔyɛ Ɔhene kɛseɛ asase nyinaa so!

3 Ɔde amanaman hyɛɛ yɛn ase,

na ɔde nnipa hyɛɛ yɛn nan ase.

4 Ɔyii yɛn agyapadeɛ maa yɛn,

deɛ ɛyɛ Yakob a ɔdɔ noɔ no ahohoahoadeɛ.

5 Onyankopɔn aforo soro anigyeɛ nteateam mu.

Awurade totorobɛnto nnyegyeeɛ mu.

6 To ayɛyie nnwom ma Onyankopɔn, to ayɛyie nnwom;

to ayɛyie nnwom ma yɛn Ɔhene, to ayɛyie nnwom.

7 Ɛfiri Onyankopɔn asase nyinaa so Ɔhene.

Monto ahurisie nnwom mma no.

8 Onyankopɔn di ɔhene amanaman no so

Onyankopɔn te nʼahennwa kronkron so.

9 Amanaman no mu akunini boaboa wɔn ho ano

Abraham Onyankopɔn nkurɔfoɔ,

ɛfiri asase so ahemfo Onyankopɔn dea;

na wɔma no so no kɛseɛ.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-