Publicidade

Salmos 5

Dawid dwom.

1 Ao Awurade, aso ma me nsɛm

na dwene mʼapinisie ho.

2 Tie me mmoa ho sufrɛ,

me Ɔhene ne me Onyankopɔn,

ɛfiri wo na mebɔ wo mpaeɛ.

3 Ao, Awurade, wote me nne anɔpa;

anɔpa, mede mʼadesrɛ ba wʼanim

na mede anidasoɔ twɛn.

4 Wonyɛ Onyankopɔn a wʼani gye bɔne ho;

na amumuyɛfoɔ rentumi ne wo ntena.

5 Ahantanfoɔ rentumi nnyina wʼanim;

wokyiri wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa.

6 Wosɛe wɔn a wɔka atorɔsɛm;

Awurade kyiri

mogyapɛfoɔ ne asisifoɔ.

7 Nanso me, wo mmɔborɔhunu bebrebe enti,

mɛba wo fie;

na anidie mu na mɛkoto

akyerɛ wʼasɔredan kronkron no.

8 Ao Awurade kyerɛ me ɛkwan

wo tenenee mu

mʼatamfoɔ enti,

wo kwan tee mʼanim.

9 Wɔn anom asɛm baako mpo nyɛ nokorɛ;

ɔsɛeɛ ahyɛ wɔn akoma ma.

Wɔn menewa damena a ɛso abue

wɔde wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.

10 Ao, Onyankopɔn, bu wɔn !

Ma wɔn bɔne nyɛ wɔn ahweaseɛ.

Pam wɔn ɛsiane wɔn bɔne dodoɔ no enti,

ɛfiri wɔasɔre atia wo.

11 Nanso, ma wɔn a wɔdwane ba wo nkyɛn no ani nnye;

ma wɔmfa anigyeɛ nto dwom daa.

Trɛ wo banbɔ mu wɔn so,

na wɔn a wɔdɔ wo din no

ma wɔn ani nnye wo mu.

12 Ao Awurade, ampa ara, wohyira teneneefoɔ;

na wode wʼayamyɛ twa wɔn ho hyia te akokyɛm.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ ɔmfa sankuhoma nto Seminit ɛnne so.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-