Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 51

7 Fa hisope hohoro me ho, na me ho bɛte;

dware me, na mɛhoa asene sukyerɛmma.

8 Ma mente ahosɛpɛ ne anigyeɛ nka;

na ma nnompe a woabubuo no nni ahurisie.

9 Kata wʼani me bɔne ho

na pepa mʼamumuyɛ nyinaa.

10 Ao Onyankopɔn, akoma a emu teɛ me mu,

na ma me honhom foforɔ a ɛdi wo nokorɛ.

11 Mpamo me mfiri wʼanim

na ɛnyi wo Honhom Kronkron mfiri me mu.

12 Fa wo nkwagyeɛ mu anigyeɛ no ma me bio

na ma me ɔsetie honhom a ɛbɛkura me.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também