Publicidade

Salmos 52

Dawid "maskil" dwom. Ɔtoeɛ ɛberɛ a Edomni Doeg bɛka kyerɛɛ Saulo , "Dawid akɔ Ahimelek fie" no.

1 Ɔkɛseɛ, adɛn enti na wohoahoa wo ho wo bɔne ho?

Adɛn enti na wohoahoa wo ho da mu nyinaa,

wo a woyɛ animguasedeɛ Onyankopɔn ani so?

2 Wo tɛkrɛma ɔsɛeɛ ho ;

ɛte yiwan a ano tahwetahwe.

Wo a wotwa nkontompo nko ara.

3 Wʼani gye bɔne ho sene papa,

wopɛ atorɔ sene wobɛka nokorɛ.

4 Wodɔ asɛm biara a ɛde ɔhaw ba,

Ao wo tɛkrɛma daadaafoɔ!

5 Ampa ara, Onyankopɔn de ɔsɛeɛ a ɛnni awieeɛ bɛbrɛ wo;

ɔbɛtwe wo afiri wo ntomadan mu na watete wo mu;

Ɔbɛtɔre wʼase ateasefoɔ asase so.

6 Ateneneefoɔ bɛhunu yei na wɔasuro;

wɔbɛsere no na wɔaka ,

7 "Hwɛ, onipa no nie

deɛ wamfa Onyankopɔn anyɛ nʼabandenden

na mmom ɔde ne ho too nʼahonya dodoɔ so

na ɔnyaa ahoɔden de sɛee afoforɔ no!"

8 Nanso, mete ngo dua a

ɛrenyini Onyankopɔn fie:

mede me ho to Onyankopɔn a ɛnsa da no so

daa nyinaa.

9 Mɛyi wo ayɛ daa deɛ woayɛ nti;

wo din so na mʼani bɛda, ɛfiri ɛyɛ.

Mɛyi wo ayɛ wʼahotefoɔ anim.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde "mahalat" sankuo nne na ɛto.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-