Publicidade

Salmos 61

Dawid dwom.

1 Ao Onyankopɔn, tie me sufrɛ;

tie me mpaeɛbɔ.

2 Mefiri asase ano frɛ wo,

mefrɛ wo ɛfiri mʼakoma atɔ baha;

fa me ɔbotan a ɛware sene me no so.

3 Woayɛ me dwanekɔbea,

aban a ɛyɛ den ma ɔtamfoɔ no.

4 Me kɔn metena wo ntomadan no mu afebɔɔ

na manya hintabea wo ntaban nwunu ase.

5 Woate me bɔhyɛ, Ao Onyankopɔn;

na wode wɔn a wɔsuro wo din no agyapadeɛ ama me.

6 To ɔhene nkwa nna mu bebree;

na ne mfeɛ mfiri awoɔ ntoatoasoɔ nkɔduru awoɔ ntoatoasoɔ.

7 Ma ɔnni ɔhene Onyankopɔn anim daa.

Fa wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ ne ho ban.

8 Afei mɛto ayɛyie dwom ama wo din daa

na madi me bɔhyɛ so daa nyinaa.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ Yedutun.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-