17 Ao Onyankopɔn, ɛfiri mʼababunu berɛ na wokyerɛkyerɛɛ me,
na ɛbɛsi ɛnnɛ yi, meka wʼanwanwadeɛ a woayɛ kyerɛ.
18 Mpo sɛ mebɔ akɔkoraa na mefu dwono a,
Ao Onyankopɔn, nnya me,
kɔsi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm akyerɛ nkyirimma,
ne wo kɛseyɛ akyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.