Publicidade

Salmos 78

4 Yɛremfa nkame wɔn mma;

yɛbɛka akyerɛ nkyirimma;

Awurade nneyɛɛ a ɛfata nkamfo no,

ne tumi ne anwanwadeɛ a wayɛ no.

5 Ɔyɛɛ ahyɛdeɛ maa Yakob

na ɔyɛɛ mmara Israel,

deɛ ɔhyɛɛ yɛn nananom

wɔnkyerɛ wɔn mma,

6 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nkyirimma bɛsua

mpo mmɔfra a wɔnnya nwoo wɔn,

na wɔn nso akyerɛkyerɛ wɔn mma.

7 Afei wɔde wɔn ho bɛto Onyankopɔn so,

na wɔn werɛ remfiri ne nneyɛɛ,

na wɔbɛdi nʼahyɛdeɛ so.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-