Publicidade

Salmos 102

Aberanteɛ mmɔborɔni mpaeɛbɔ. Ɛberɛ a ne home te no na ɔka nʼahometesɛm kyerɛ Awurade.

1 Ao Awurade tie me mpaeɛbɔ;

na ma me mmoa ho sufrɛ nnuru wʼanim.

2 Mfa wʼanim nhinta me

ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu.

Brɛ wʼaso ase ma me;

na mesu mefrɛ wo a, gye me so ntɛm.

3 Me nkwa nna reyera te wisie;

me nnompe hyehye te egya.

4 Mʼakoma aboto na akusa ɛserɛ;

na me kɔn nnɔ aduane.

5 Mʼapinisie denden enti

maka honam ne nnompe.

6 Mete ɛserɛ so patuo,

te ɔpatuo a ɔte mmubuiɛ mu.

7 Meda a, mʼani gu so; mayɛ

anomaa bi a ɔno nko ara si ɛdan atifi.

8 Ɛda mu nyinaa mʼatamfoɔ me akutia.

Wɔn a wɔdi me ho no me din de dome.

9 Mede nsõ ayɛ mʼaduane

na mede nisuo fra me nsuo mu

10 ɛsiane wʼabufuhyeɛ denden no enti,

woama me so, ayi me asi nkyɛn.

11 Me nkwa nna te anwummerɛ sunsum;

na mekusa ɛserɛ.

12 Nanso, wo Awurade, woyɛ ɔhene daa daa;

na wo din a ahyeta no te daa awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

13 Wobɛsɔre na woahunu Sion mmɔbɔ;

berɛ aduru wohunu no mmɔbɔ;

ɛberɛ a wohyɛeɛ no aso.

14 Nʼaboɔ som bo ma wʼasomfoɔ;

ne mfuturo hyɛ wɔn awerɛhoɔ.

15 Amanaman no bɛsuro Awurade din;

asase so ahemfo nyinaa bɛdi wʼanimuonyam ni.

16 Awurade bɛkyekyere Sion bio,

na wapue nʼanimuonyam mu.

17 Ɔbɛtie mmɔborɔfoɔ mpaeɛbɔ;

na ɔremmu nʼani ngu wɔn sufrɛ so.

18 Montwerɛ yei mma nkyirimma,

sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn a wɔnnya nwoo wɔn bɛkamfo Awurade;

19 "Awurade hwɛɛ fam firi ne kronkronbea soro ;

ɔfiri soro hwɛɛ asase,

20 sɛdeɛ ɔbɛte nneduafoɔ apinisie

na wagyaa wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no."

21 Enti, wɔbɛpae mu abɔ Awurade din Sion

na wɔakamfo no Yerusalem,

22 ɛberɛ a amanaman ne ahennie ahodoɔ

bɛhyiam na wɔasom Awurade.

23 Ɔmaa me yɛɛ mmerɛ ɛberɛ a merenyini.

Ɔtwaa me nkwa nna so.

24 Enti mekaa ,

"Ao me Onyankopɔn, mfa me nkɔ, me nkwa nna mfimfini;

wo mfeɛ daa kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

25 Ahyɛaseɛ no, wotoo asase fapem,

na ɔsoro wo nsa ano adwuma.

26 Ne nyinaa bɛtwam, na wo deɛ, wobɛtena daa;

wɔbɛtete te atadeɛ.

Wobɛsesa wɔn te ntoma

na wɔbɛto wɔn agu.

27 Nanso, wote sɛdeɛ woteɛ,

na wo mfeɛ to rentwa da.

28 Wʼasomfoɔ mma bɛtena nkwa mu wʼanim;

na wɔn asefoɔ ase bɛtim wʼanim."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-