Publicidade

Salmos 112

1 Monkamfo Awurade.

Nhyira nka onipa a ɔsuro Awurade

na ɔnya nʼahyɛdeɛ mu anigyeɛ pii.

2 Ne mma bɛyɛ atumfoɔ asase no so;

teneneefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ bɛnya nhyira.

3 Ahonya ne sika ne fie,

na ne tenenee tena daa.

4 Esum mu mpo hann pue ma nnipa a wɔtene,

ma ɔdomfoɔ, mmɔborɔhunufoɔ ne ɔnokwafoɔ.

5 Yiedie bɛba deɛ ne tirim mmrɛ na ɔde fɛm kwa.

Yiedie bɛba deɛ ɔde atɛntenenee ne nneɛma so.

6 Ampa ara, ɔrenhinhim da biara da;

wɔbɛkae onipa tenenee daa.

7 Ɔte asɛmmɔne a, ɛmmɔ ne hu;

nʼakoma atim Awurade mu ahotosoɔ mu.

8 Nʼakoma banbɔ, na ɔnsuro;

awieeɛ no, ɔde nkonimdie bɛhyia nʼatamfoɔ.

9 Ɔto nʼakyɛdeɛ pete aman so ma ahiafoɔ,

ne tenenee daa;

wɔbɛkae wɔn daa na wɔahyɛ wɔn animuonyam.

10 Omumuyɛfoɔ bɛhunu ama ayɛ no yea,

ɔbɛtwere ne se na wafɔn;

omumuyɛfoɔ tirimpɔ bɛyɛ kwa.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-