Awurade Mmara Ho Setie
9 Aberanteɛ bɛyɛ dɛn na nʼakwan ho ate?
Ɛsɛ sɛ ɔdi wʼasɛm so.
10 Mede mʼakoma nyinaa hwehwɛ wo;
mma me mmane mfiri wo mmaransɛm ho.
11 Mede wʼasɛm asie mʼakoma mu
sɛdeɛ merenyɛ bɔne ntia wo.
12 Ao Awurade, nkamfo wɔ wo;
kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.
13 Mede mʼano ka mmara
a ɛfiri wʼanomu nyinaa.
14 Mʼani gye sɛ medi wʼahyɛdeɛ so
te sɛdeɛ obi anigye ahonya bebree ho no.
15 Medwendwene wo nkyerɛkyerɛ ho
na mehwehwɛ wʼakwan mu.
16 Mʼani gye wo ɔhyɛ nsɛm ho;
na merentoto wʼasɛm ase.Awurade