Publicidade

Salmos 124

Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ.

1 anka Awurade nni yɛn afa a,

ma Israel nka.

2 anka Awurade nni yɛn afa

ɛberɛ a nnipa to hyɛɛ yɛn so,

3 ɛberɛ a wɔn abufuo sɔree tiaa yɛn a,

anka wɔmenee yɛn anikann;

4 anka nsuyire no bu faa yɛn so,

anka ɔhweam no twee yɛn kɔeɛ,

5 anka nsuo a ano den no

afa yɛn .

6 Nkamfoɔ nka Awurade a

wɔamma ho kwan amma wɔamfa wɔn se antete yɛn mu.

7 Yɛadwane anomaa

afiri afirisumfoɔ afidie mu;

afidie no mu abubu,

ama yɛanya ɛkwan adwane.

8 Yɛn mmoa Awurade din mu,

ɔsoro ne asase Yɛfoɔ no.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-