Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 132

Ɔsoroforɔ dwom.

1 Ao Awurade kae Dawid

ne ɔhaw ahodoɔ a ɔgyinaa ano no.

2 Ɔkaa Awurade ntam

na ɔhyɛɛ Yakob Otumfoɔ no ,

3 "Merenhyɛne me fie

na merenkɔda me mpa so,

4 meremma nna mfa me

na meremma mʼani nkum,

5 kɔsi menya baabi ama Awurade,

baabi a Yakob Otumfoɔ no bɛtena."

6 Yɛtee Efrata,

yɛbɛtoo so Yaar mfuo so.

7 "Momma yɛnkɔ nʼatenaeɛ;

momma yɛnsom ne nan ntiasoɔ .

8 Ao Awurade, sɔre bra wʼahomegyebea,

wo ne wo tumi Adaka no.

9 Ma tenenee nyɛ ntadeɛ mma wʼasɔfoɔ;

ma wʼahotefoɔ nto ahurisie dwom.’ "

10 Wo ɔsomfoɔ Dawid enti,

nyi wʼani mfiri deɛ woasra no ngo no so.

11 Awurade kaa ntam kyerɛɛ Dawid,

nokorɛ ntam a ɔrentwe nsane ,

"Wʼasefoɔ no mu baako

na mede no bɛtena wʼahennwa so.

12 wo mmammarima di mʼapam so

na wɔtie me nkyerɛkyerɛ a,

ɛnneɛ wɔn mmammarima bɛtena

wʼahennwa so afebɔɔ."

13 Awurade ayi Sion,

ɔde ayɛ nʼatenaeɛ:

14 "Ɛha ne mʼahomegyebea daa nyinaa;

ɛha na mɛtena adi ɔhene, ɛfiri ɛha na mepɛ,

15 mede nneɛma pa bebree bɛhyira no

na mama nʼahiafoɔ adidi amee.

16 Mede nkwagyeɛ bɛfira nʼasɔfoɔ

na nʼahotefoɔ ato ahurisie dwom daa.

17 "Mɛma ɔberempɔn bi apue Dawid ahennie mu

na mede kanea asi ama deɛ masra no ngo no.

18 Mede aniwuo bɛfira nʼatamfoɔ,

nanso nʼahenkyɛ bɛhyerɛn ne tiri so."

Veja também