Publicidade

Salmos 136

1 Monna Awurade ase na ɔyɛ.

Nʼadɔeɛ daa.

2 Monna anyame mu Onyankopɔn ase.

Nʼadɔeɛ daa.

3 Monna awuranom mu Awurade no ase.

Nʼadɔeɛ daa.

4 Ɔno nko ara na ɔyɛ anwanwadeɛ akɛseɛ.

Nʼadɔeɛ daa.

5 Ɔno na ɔfiri ne nteaseɛ mu bɔɔ ɔsoro.

Nʼadɔeɛ daa.

6 Ɔno na ɔtrɛɛ asase mu de kataa nsuo so.

Nʼadɔeɛ daa.

7 Ɔno na ɔbɔɔ nkanea akɛseɛ no.

Nʼadɔeɛ daa.

8 Ɔbɔɔ owia ɛnni adekyeeɛ so.

Nʼadɔeɛ daa.

9 Ɔbɔɔ ɔsrane ne nsoromma wɔnni adesaeɛ so no.

Nʼadɔeɛ daa.

10 Ɔno na ɔkunkumm Misraimfoɔ mmakan,

Nʼadɔeɛ daa.

11 na ɔyii Israelfoɔ firii wɔn mu no.

Nʼadɔeɛ daa.

12 Ɔde nsa kɛseɛ ne basa a watene mu.

Nʼadɔeɛ daa.

13 Ɔno na ɔpaee Ɛpo Kɔkɔɔ no mu no,

Nʼadɔeɛ daa.

14 na ɔde Israelfoɔ faa mfimfini no.

Nʼadɔeɛ daa.

15 Nanso, ɔpraa Farao ne nʼasraafoɔ guu Ɛpo Kɔkɔɔ mu no.

Nʼadɔeɛ daa.

16 Ɔno na ɔdii ne nkurɔfoɔ anim ɛserɛ no so.

Nʼadɔeɛ daa.

17 Ɔno na ɔkumm ahemfo akɛseɛ no,

Nʼadɔeɛ daa.

18 na ɔkumm ahemfo akunini no.

Nʼadɔeɛ daa.

19 Ɔkumm Amorifoɔ ɔhene, Sihon,

Nʼadɔeɛ daa.

20 ne Basanhene, Og.

Nʼadɔeɛ daa.

21 Na ɔde wɔn nsase maa agyapadeɛ.

Nʼadɔeɛ daa.

22 Ɔde maa ne ɔsomfoɔ Israel agyapadeɛ.

Nʼadɔeɛ daa.

23 Ɔkaee yɛn, yɛn mmerɛyɛ mu.

Nʼadɔeɛ daa.

24 Na ɔgyee yɛn firii yɛn atamfoɔ nsam.

Nʼadɔeɛ daa.

25 Ɔno na ɔma abɔdeɛ biara aduane.

Nʼadɔeɛ daa.

26 Monna ɔsorosoro Onyankopɔn no ase.

Nʼadɔeɛ daa.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-