Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 14

Dawid dwom.

1 Ɔkwasea ka nʼakoma mu ,

"Onyankopɔn bi nni ."

Wɔaporɔ, na wɔn nneyɛɛ fi

na wɔn mu biara nni a ɔyɛ ade pa.

2 Awurade firi ɔsoro hwɛ

adasamma

ɔbɛhunu wɔn mu bi a wɔwɔ nteaseɛ,

anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.

3 Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afiri Onyankopɔn ho;

wɔn nyinaa ayɛ bɔne.

Obiara nni a ɔyɛ papa.

Ɔbaako mpo nni .

4 Enti nnebɔneyɛfoɔ rensua nyansa anaa?

Wɔwe me nkurɔfoɔ te deɛ nnipa di aduane.

Wɔnnsu mfrɛ Awurade?

5 Wɔn nie, ehu akyekyere wɔn,

ɛfiri Onyankopɔn te wɔn a wɔtene mu.

6 Mo nnebɔneyɛfoɔ sɛe ahiafoɔ nhyehyɛeɛ,

nanso, Awurade ne wɔn dwanekɔbea.

7 Ao, ma Israel nkwagyeɛ mfiri Sion mmra!

Awurade bɛsane de ne nkurɔfoɔ agyapadeɛ ama wɔn.

Na Yakob adi ahurisie, na Israel ani agye!

Veja também