Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 145

Ayɛyie dwom. Dawid deɛ.

1 Mɛma wo so, me Onyankopɔn, me Ɔhene;

mɛkamfo wo din daa daa.

2 Ɛda biara, mɛkamfo wo;

na mama wo din so daa daa.

3 Awurade so, na ɔsɛ nkamfo kɛseɛ;

obiara rentumi nsusu ne kɛseyɛ.

4 Awoɔ ntoatoasoɔ baako bɛkamfo wo nnwuma akyerɛ ɔfoforɔ;

wɔbɛka wo nnwuma akɛseɛ ho asɛm.

5 Wɔbɛka wʼanimuonyam ne wo tumi a ɛhran no ho asɛm,

na mɛdwene wʼanwanwadwuma ho.

6 Wɔbɛka wo nnwuma a ɛyɛ hu no mu tumi ho asɛm;

na mapae mu aka wo nneyɛɛ akɛseɛ no akyerɛ.

7 Wɔbɛhyɛ wo papayɛ mmorosoɔ no ho fa,

na wɔde anigyeɛ ato wo tenenee ho dwom.

8 Awurade ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ;

ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso.

9 Awurade ma obiara;

na ɔwɔ ahummɔborɔ ma nʼabɔdeɛ nyinaa.

10 Ao Awurade, wʼabɔdeɛ nyinaa bɛkamfo wo;

na wʼahotefoɔ bɛma wo so.

11 Wɔbɛka wʼahennie no animuonyam ho asɛm

na wɔaka wo mmaninyɛ ho asɛm,

12 ɛbɛyɛ a nnipa bɛhunu wo nnwuma akɛseɛ

ne wʼahennie animuonyam a ɛhran no.

13 Wʼahennie daa ahennie,

na wo tumidie ma awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa.

Awurade di ne bɔhyɛ nyinaa so,

na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ.

14 Awurade wowa wɔn a wɔhwe ase

na ɔpagya wɔn a wɔn nnesoa ama wɔakom.

15 Ani nyinaa hwɛ wo ɛkwan,

na woma wɔn wɔn aduane ne berɛ mu.

16 Wobue wo nsam

na woma biribiara a ɛwɔ nkwa no nʼapɛdeɛ.

17 Awurade tene nʼakwan nyinaa mu;

na ɔyɛ adɔeɛ ma deɛ wayɛ nyinaa.

18 Awurade bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa,

wɔn a wɔfrɛ no nokorɛ mu nyinaa.

19 Ɔyɛ wɔn a wɔsuro no no apɛdeɛ ma wɔn;

ɔtie wɔn sufrɛ na ɔgye wɔn.

20 Awurade hwɛ wɔn a wɔdɔ no nyinaa so,

nanso amumuyɛfoɔ deɛ, ɔbɛsɛe wɔn nyinaa.

21 Mʼano bɛkamfo Awurade.

Ma abɔdeɛ nyinaa nkamfo ne din kronkron no

daa daa.

Veja também