Publicidade

Salmos 17

Dawid Mpaeɛbɔ.

1 Ao, Awurade tie me tenenee abisadeɛ;

tie me sufrɛ.

aso ma me mpaeɛbɔ

deɛ ɛmfiri nnaadaa anofafa mu.

2 Ma me bembuo a ɛfiri wo .

Ma wʼani nhunu deɛ ɛyɛ .

3 Wopɛɛpɛɛ mʼakoma mu,

wohwehwɛ me mu anadwo,

na wosɔ me hwɛ deɛ, nanso worenhunu hwee;

masi madwene pi mʼano renka bɔne.

4 Nnipa nneyɛɛ fam no,

wʼanomu asɛm enti

matwe me ho afiri

basabasayɛfoɔ akwan ho.

5 Menam wʼakwan so daa;

me nan nnwatiriiɛ.

6 Mesu mefrɛ wo, Ao Onyankopɔn

na wobɛgye me so;

aso ma me na tie me mpaeɛbɔ.

7 Da wo nwanwasoɔ no adi

wo a wode wo nsa nifa

gye wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no nkwa

firi wɔn atamfoɔ nsam.

8 Hwɛ me so obi a wodɔ no;

fa me sie wo ntaban nwunu no ase

9 firi amumuyɛfoɔ a wɔretaataa me nsam,

mʼatamfoɔ a wɔatwa me ho ahyia no.

10 Wɔpirim wɔn akoma,

na wɔkasa ahantan so.

11 Wɔadi me ntɛtɛ, afei wɔatwa me ho ahyia;

wɔn ani abere wɔbɛbɔ me ahwe fam.

12 Wɔte gyata a ahaboa ho kɔm de no,

te gyata kɛseɛ bi a wabutu atɛeɛ.

13 Sɔre, Ao Awurade!

Wone wɔn mfa mmɔ ani na ka wɔn hyɛ;

fa wʼakofena no gye me firi amumuyɛfoɔ no nsam.

14 Ao Awurade fa wo nsa

gye me firi nnipa a wɔte sei nsam

asase so nnipa a wɔn akatua nkwa yi mu.

Womma ɛkɔm nne wɔn a wʼani ku wɔn ho;

wɔn mmammarima bebree,

na wɔkora agyapadeɛ ma wɔn mma.

15 Na me deɛ, me tenenee mu, mɛhunu wʼanim;

menyane na mehunu wo a, mʼakoma bɛtɔ ne yam.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-