Publicidade

Salmos 2

1 Adɛn enti na amanamanmufoɔ no bo afu?

Adɛn enti na wɔsɛe mmerɛ nhyehyɛeɛ hunu yi?

2 Asase so ahemfo sɔre gyina

na atumfoɔ bom tu agyina

tia Awurade ne Deɛ Wɔasra no no.

3 Wɔka ,

"Momma yɛmmubu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn

na yɛnto wɔn mpokyerɛ ngu."

4 Deɛ ɔte adwa so soro no sere;

Awurade di wɔn ho fɛw.

5 Afei ɔka wɔn anim nʼabufuo mu

hunahuna wɔn nʼabufuhyeɛ mu, ka ,

6 "Masi me Ɔhene

Sion, me bepɔ kronkron no so."

7 Mɛpae mu aka Awurade ahyɛdeɛ:

Ɔka kyerɛɛ me , "Woyɛ me Babarima;

ɛnnɛ mayɛ wʼAgya.

8 Bisa me,

na mede amanaman nyinaa bɛyɛ wʼagyapadeɛ,

asase ano nyinaa bɛyɛ wo dea.

9 Wode dadeɛ ahempoma bɛdi wɔn so;

na woabobɔ wɔn ɔnwomfoɔ ahina."

10 Enti mo ahemfo, monsua nyansa;

monkae kɔkɔbɔ yi, mo asase sodifoɔ.

11 Momfa suro nsom Awurade

na monsɛpɛ mo ho ahopopoɔ mu.

12 Momfe Ɔba no ano, na ne bo amfu

ansɛe mo mo akwan so,

ɛfiri nʼabufuhyeɛ tumi sɔre ntɛm so.

Nhyira ne wɔn a wɔdwane toa no nyinaa.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-