Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 3

1 Ao Awurade, hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ dɔɔso fa!

Dodoɔ no ara na wɔsɔre tia me!

2 Bebree no ara ka fa me ho ,

"Onyankopɔn rennye no".

3 Nanso, Ao Awurade, woyɛ akokyɛm a atwa me ho ahyia

wohyɛ me animuonyam na wopagya me ti.

4 Meteam su frɛ Awurade,

na ɔgye me so firi ne bepɔ kronkron no so.

5 Metɔ na meda a,

menyane bio, ɛfiri Awurade kora me so.

6 Merensuro atamfoɔ mpem mpem a

wɔatwa me ho ahyia no.

Veja também