Dawid dwom.
1 Wo mu, Ao Awurade, na manya hintabea;
mma mʼanim ngu ase;
firi wo tenenee mu gye me.
2 Yɛ aso ma me,
bra ntɛm bɛgye me;
yɛ me banbɔ botan,
aban a mʼatamfoɔ nsa renka me.
3 Sɛ woyɛ me botan ne mʼaban enti,
wo din enti, di mʼanim na kyerɛ me ɛkwan.
4 Gye me firi afidie a wɔasum me no mu,
ɛfiri sɛ wo ne me dwanekɔbea.
5 Wo nsam na mede me kra hyɛ;
gye me bio, Ao Awurade, Onyankopɔn nokwafoɔ.