1 Nhyira ne wɔn a
wɔde wɔn amumuyɛ akyɛ wɔn,
na wɔakata wɔn bɔne so.
2 Nhyira nka onipa a
Awurade mmu ne bɔne ngu ne so,
na nnaadaa nni ne honhom mu.
3 Ɛberɛ a meyɛɛ komm no,
me nnompe yɛɛ mmrɛ
apinie a mesii no da mu nyinaa enti.
4 Awia ne anadwo
wo nsa yɛɛ den wɔ me so;
mʼahoɔden saeɛ
sɛdeɛ awiaberɛ mu hyeɛ ma biribi yɛ mmerɛ.
5 Afei, megyee me bɔne too mu.
Mankata mʼamumuyɛ so.
Mekaa sɛ, "Mɛka
me bɔne akyerɛ Awurade,"
na wode me bɔne ho afɔdie kyɛɛ me.
6 Enti, ma obiara a ɔwɔ nyamesu mmɔ wo mpaeɛ
ɛberɛ a wɔhunu woɔ;
ampa ara sɛ nsuo akɛseɛ yiri a,
ɛrenka no.