Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 35

Dawid dwom.

1 Ao Awurade wo ne wɔn a wɔne me di asie no nni asie;

ko tia wɔn a wɔko tia me.

2 Fa wʼakokyɛm ne wo nkatanimu;

na sɔre bra bɛboa me.

3 Twe pea ne abonnua

wɔn a wɔtaa me so

ka kyerɛ me kra ,

"Mene wʼagyenkwa."

4 Wɔn a wɔpɛ wɔkum me no

ma wɔn anim ngu ase;

wɔn a wɔbɔ me sɛeɛ ho no

ma wɔmfa aniwuo nsane wɔn akyi.

5 Ma wɔnyɛ ntɛtɛ a mframa guo

wɔn a Awurade ɔbɔfoɔ repam wɔn.

6 Ma wɔn akwan so nnuru sum na ɛso nyɛ toro,

na Awurade ɔbɔfoɔ ntaa wɔn so.

7 Esiane wɔde atena sum me afidie kwa

na wɔtuu amena maa me a menyɛɛ wɔn hwee no enti

8 ma ɔsɛeɛ mmɛfu wɔn mu

na atena no a wɔde hintaaeɛ nyi wɔn,

na ma wɔnhwe amena no mu nsɛe.

9 Afei me kra ani bɛgye Awurade mu

na wasɛpɛ ne ho ne nkwagyeɛ mu.

10 Me onipadua nyinaa bɛteam aka ,

"Hwan na ɔte wo, Ao Awurade?

Wogye ohiani firi ahoɔdenfoɔ nsam

ne deɛ ɔnnibie firi apoobɔfoɔ nsam."

11 Adansekurumfoɔ sɔre;

wɔbisa me nneɛma a mennim ho hwee ho asɛm.

12 Wɔde bɔne tua papa a meyɛ so ka

na wɔma me kra basaa.

13 Nanso, ɛberɛ a wɔyareeɛ no, mefiraa ayitoma

na mede akɔnkyene brɛɛ me ho ase.

Ɛberɛ a me mpaeɛbɔ ho mmuaeɛ nnya mmaeɛ no,

14 mekɔɔ so twaa adwo

sɛdeɛ meyɛ ma mʼadamfo anaa onuabarima.

Mede awerɛhoɔ sii me ti ase

te deɛ meregyam me maame.

15 Nanso, ɛberɛ a mesuntiiɛ no, wɔde anigyeɛ boaa wɔn ho ano;

ntohyɛsofoɔ twaa me ho hyiaaɛ a mennim

na wɔdii me ho nsekuro a wɔantwa so da.

16 Wɔde adwemmɔne dii me ho te nnipa a wɔnni nyamesu;

wɔtwɛree wɔn se guu me so.

17 Ao Awurade, wobɛhwɛ wɔn akɔsi da bɛn?

Gye me nkwa firi wɔn sɛeɛ mu,

gye me nkwa a ɛsom bo no firi saa agyata yi nsam.

18 Na mɛda wo ase dwabɔ kɛseɛ ase;

nnipa dodoɔ mu na mɛkamfo woɔ.

19 Mma mʼatamfoɔ a wɔtane me kwa no

nhwɛ me haa nsere.

Mma wɔn a menyɛɛ wɔn hwee nso wɔtane me no

mmfa adwene bɔne mmu me anikyeɛ.

20 Wɔnnkasa asomdwoeɛ so,

na mmom, wɔde ntwatosoɔ

tia nnipa a wɔmpɛ wɔn ho asɛm asase yi so.

21 Wɔhwɛ me haa ka , "Aane! Aane,

yɛde yɛn ankasa ani ahunu."

22 Ao Awurade, wahunu na mmua wʼano.

Nte wo ho nkɔ akyiri, Ao Awurade.

23 Nyane, sɔre na bɛbɔ me ho ban!

Ka bi ma me, me Onyankopɔn ne mʼAwurade.

24 Di mʼasɛm ma me wo tenenee no mu, Ao Awurade me Onyankopɔn;

mma wɔn nhwɛ me haa nsere.

25 Mma wɔnnwene nka , "Aane, deɛ yɛpɛ ni!"

anaa wɔnnka , "Yɛanya no."

26 Ma wɔn a wɔhwɛ me haa sere me mʼahohiahia mu no

nyinaa anim ngu ase na wɔnyɛ basaa;

ma wɔn a wɔdi me so akokurokosɛm no

nhyɛ aniwuo ne animguaseɛ atadeɛ.

27 Ma wɔn a wɔdi ahurisie me bembuo ho no

mfa anigyeɛ ne ahosɛpɛ nteam

ɛberɛ nyinaa mu ma wɔnka , "Momma Awurade so,

ɔno na nʼani gye ne ɔsomfoɔ yiedie ho."

28 Me tɛkrɛma bɛka wo tenenee

ne wʼayɛyie da mu nyinaa.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Veja também