Publicidade

Salmos 42

Kora mma "maskil" dwom.

1 Sɛdeɛ ɔforoteɛ pere hwehwɛ nsuwansuwa no,

saa ara na me kra pere hwehwɛ wo, Ao Onyankopɔn.

2 Onyankopɔn ho sukɔm de me kra, Onyankopɔn teasefoɔ no.

Da bɛn na mɛtumi akɔhyia Onyankopɔn?

3 Me nisuo ayɛ mʼaduane

awia ne anadwo,

na da mu nyinaa nnipa bisa me :

"Wo Onyankopɔn he?"

4 Saa nneɛma yi na mekae

ɛberɛ a mereka mʼakoma mu nsɛm;

sɛdeɛ na medi asafokuo anim,

na yɛde anigyeɛ nteateam ne aseda nnwom

nante yuu bom Onyankopɔn fie

afahyɛ da.

5 Adɛn enti na woaboto, Ao me kra?

Adɛn enti na woteetee me mu saa?

Fa wo ho to Onyankopɔn so,

na mɛkɔ so ayi no ayɛ,

mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn.

6 Me kra aboto me mu

enti mɛkae wo

firi Yordan asase so,

Hermon mmepɔ so, firi Bepɔ Misar so.

7 Ebunu ebunu mu

wo nsuo a ɛworo guo no nnyegyeeɛ mu;

wʼasorɔkye nyinaa

abu afa me so.

8 Adekyeɛ mu Awurade kyerɛ nʼadɔeɛ;

adesaeɛ mu ne dwom ba me nkyɛn.

Mebɔ mpaeɛ kyerɛ Onyankopɔn a ɔma me nkwa.

9 Mebisa Onyankopɔn me Botan ,

"Adɛn enti na wo werɛ afiri me?

Adɛn enti na ɛsɛ menantenante twa adwo,

mʼatamfoɔ nhyɛsoɔ nti?"

10 Me nnompe te yea ɔdasani.

Mʼahohiahiafoɔ ateeteeɛ enti,

daa nyinaa wɔbisa me ,

"Wo Onyankopɔn he?"

11 Adɛn enti na woaboto, Ao me kra?

Adɛn enti na woteetee me mu saa?

Fa wo ho to Onyankopɔn so,

na mɛkɔ so ayi no ayɛ,

mʼAgyenkwa ne me Onyankopɔn.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-