Publicidade

Salmos 48

Kora mma dwom.

1 Awurade kɛseɛ na ɔsɛ nkamfo

yɛn Onyankopɔn kuropɔn mu, ne bepɔ kronkron so.

2 Kuropɔn no ɔsorokɔ ,

ɛyɛ ewiase nyinaa anigyedeɛ.

Bepɔ Sion te Safon sorɔnsorɔmmea,

Ɔhene Kɛseɛ no kuropɔn.

3 Onyankopɔn te nʼabankɛsewa mu.

Wada ne ho adi ɔyɛ nʼaban.

4 Ɛberɛ a ahemfo yi boaa wɔn ho ano,

na wɔtuu ɔsa bɔɔ mu no,

5 wɔhunuu no ma ɛyɛɛ wɔn ahodwirie,

na wɔde ehu dwaneeɛ.

6 Nketenkete kyeree wɔn ,

ɔyea a ɛte ɔbaa a awoɔ aka no.

7 Wosɛee wɔn Tarsis ahyɛn a

apueeɛ mframa abɔ adwira wɔn.

8 Sɛdeɛ yɛate no,

saa ara na yɛahunu

Otumfoɔ Awurade kuropɔn no mu,

yɛn Onyankopɔn kuropɔn mu;

Onyankopɔn ma ɛtim afebɔɔ.

9 Wʼasɔredan no mu, Ao Onyankopɔn,

na yɛdwene wo a ɛnsa da no ho,

10 Ao Onyankopɔn, wʼayɛyie duru asase ano

te wo din;

tenenee ayɛ wo nsa nifa mu ma.

11 Sion bepɔ di ahurisie,

Yuda nkuraase no ani gye

ɛsiane wʼatemmuo no enti.

12 Nante Sion na twa ho hyia,

kan nʼabantenten dodoɔ,

13 dwene nʼafasuo ho yie,

hwɛ nʼabankɛsewa no,

na woaka ho asɛm akyerɛ nkyirimma.

14 Saa Onyankopɔn yi yɛn Onyankopɔn daa daa;

mpo ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfoɔ akɔsi awieeɛ.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-