Publicidade

Salmos 65

Dawid dwom.

1 Ao, Onyankopɔn, ayɛyie retwɛn wo Sion,

na yɛbɛdi yɛn a yɛahyɛ wo no so.

2 Ao, wo a woyɛ mpaeɛbɔ tiefoɔ,

wo nkyɛn na nnipa nyinaa bɛba.

3 Ɛberɛ a yɛn bɔne menee yɛn no,

wo na wɔde yɛn mmaratoɔ kyɛɛ yɛn.

4 Nhyira nka wɔn a woyi wɔn

ma wɔbɛn wo wɔntena wʼadihɔ !

Nneɛma pa a ɛwɔ wo fie ahyɛ yɛn ma,

deɛ ɛwɔ wʼasɔredan kronkron mu no.

5 Wode tenenee nnwuma a ɛyɛ nwanwa ma yɛn mmuaeɛ,

Ao Onyankopɔn yɛn agyenkwa.

Woyɛ asase so afanan nyinaa anidasoɔ

ne ɛpo so akyirikyiri nso.

6 Wonam wo tumi so yɛɛ mmepɔ

de daa wʼahoɔden adi.

7 Wodwodwoo ɛpo nworosoɔ,

asorɔkye no a ɛbobɔ

ne amanaman no hooyɛ.

8 Wɔn a wɔte akyirikyiri no suro wʼanwanwadeɛ.

Ɛfiri faako a adeɛ kye kɔsi deɛ onwunu dwoɔ,

wofrɛ ahurisie nnwom .

9 Wohwɛ asase no gugu so nsuo;

woma no asase pa ma ɛboro so.

Wode nsuo hyɛ Onyankopɔn nsuwansuwa ma

sɛdeɛ ɛbɛma nnipa no aduane.

Sɛdeɛ woayɛ no nie.

10 Wofɔɔ deɛ woafuntum fɔkyee

na wokaa nkofie no sram so;

wode nsuo petee so maa no yɛɛ bɛtɛɛ

na wohyiraa ɛso afifideɛ.

11 Wode nnɔbaeɛ bebree wiee afe no,

na wo nteaseɛnam yɛɛ ma buu so.

12 Ɛserɛ so wira dɔɔso

na anigyeɛ baa nkokoɔ so.

13 Nnwankuo ahyɛ adidibea ma

na ayuo akata mmɔnhwa no so;

wɔbɔ ose, to ahosɛpɛ dwom.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-