Publicidade

Salmos 73

Asaf dwom.

1 Ampa ara Onyankopɔn ma Israel,

ɔyɛ ma wɔn a wɔn akoma mu teɛ.

2 Nanso me deɛ, anka me nan reyɛ awatiri;

anka merehwere me nnyinasoɔ,

3 ɛfiri , mʼani beree ahantanfoɔ

ɛberɛ a mehunuu amumuyɛfoɔ yiedie no.

4 Wɔnhunuu ahokyere da;

na wɔwɔ ahoɔden ne apɔmuden.

5 Dadwene a ɛtaa ba nnipa soɔ biara nna wɔn so;

ɔdasani haw biara nna wɔn so.

6 Enti, ahantan wɔn kɔnmuadeɛ,

na wɔde akakabensɛm afira.

7 Wɔn akoma a apirim no mu na nnebɔne firie;

na wɔn amumuyɛ adwene nni mma ɔka.

8 Wɔsere afoforɔ na wɔka wɔn ho nsɛm a ɛnyɛ;

wɔde nhyɛsoɔ hunahuna afoforɔ ahomasoɔ mu.

9 Wɔn ano ka ɔsoro nsɛm,

na wɔn tɛkrɛma agye asase afa.

10 Ɛno enti wɔn nkurɔfoɔ wɔn nkyɛn

na wonya nsuo bebree nom.

11 Wɔbisa , "Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn ahunu?

Na Ɔsorosoroni no nhunumu anaa?"

12 Sei na amumuyɛfoɔ no teɛ,

hwee mfa wɔn ho, na wɔkɔ so ahonyadeɛ.

13 Ampa ara, mʼakoma a ɛho teɛ no, mannya hwee amfiri mu;

me nsa a ɛnni no ayɛ kwa.

14 Ɛda mu nyinaa mehunu amane;

anɔpa biara wɔtwe mʼaso.

15 mekaa , "Mɛkasa saa" a,

anka medii wo mma no hwammɔ.

16 Mebɔɔ mmɔden mɛte yeinom nyinaa ase,

nanso na ɛhyɛ me so

17 kɔsii mekɔɔ Onyankopɔn kronkronbea ;

ɛhɔ na metee deɛ ɛbɛba wɔn so awieeɛ no ase.

18 Ampa ara wode wɔn gu baabi a ɛhɔ toro.

Wode wɔn hwe fam sɛe wɔn pasaa.

19 Sɛdeɛ wɔsɛe prɛko ,

na ehu hwim wɔn no,

20 ɛte daeɛso, ɛberɛ a onipa anyaneɛ,

Ao Awurade, wokanyane wo ho a,

wobɛbu wʼani agu wɔn so biribi a ɛnni .

21 Ɛberɛ a awerɛhoɔ hyɛɛ mʼakoma mu

na me sunsum dii yea no,

22 meyɛɛ obi a ɔnnim hwee na ɔnni adwene;

meyɛɛ aboa gyimifoɔ wʼanim.

23 Nanso, na mene wowɔ ɛberɛ biara;

na wode wo nsa nifa asɔ me mu.

24 Wode wʼafotuo kyerɛ me ɛkwan;

na akyire no, wode me bɛkɔ animuonyam mu.

25 Hwan na mewɔ soro ka wo ho?

Na biribiara nni asase so a mepɛ ka wo ho.

26 Me honam, ne mʼakoma bɛdi me hwammɔ,

nanso Onyankopɔn ne mʼakoma ahoɔden

ne me kyɛfa daa nyinaa.

27 Wɔn a wɔmmɛn wo no bɛyera.

Wosɛe wɔn a wɔnni wo nokorɛ nyinaa.

28 Nanso, me deɛ, menim ɛyɛ wɔbɛbɛn Onyankopɔn.

Mede Otumfoɔ Awurade ayɛ me hintabea;

mɛka wo nneyɛɛ nyinaa akyerɛ.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-04_23-13-58-