Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 8

Dawid dwom.

1 Ao Awurade, yɛn Awurade,

wo din kɛseyɛ ada adi ewiase afanan nyinaa.

Wode wʼanimuonyam

atimtim ɔsoro nohoa,

2 mmɔfra ne nkɔkoaa mpo de wɔn ano

kamfo wo, wʼatamfoɔ nti;

na wode atamfoɔ ne weretɔfoɔ ano.

3 mehwɛ wo soro,

wo nsateaa ano adwuma;

ɔsrane ne nsoromma a

wode obiara asi nʼafa a,

4 onipa ne hwan a wokae no,

na onipa ba nso ne hwan a wʼani ku ne ho?

5 Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sene abɔfoɔ

na wode wʼanimuonyam ne anidie abɔ no abotire.

6 Woyɛɛ no sodifoɔ maa wo nsa ano adwuma

wode nneɛma nyinaa ahyɛ ne nan ase:

7 nnwankuo ne nantwikuo nyinaa

ne wiram mmoa nso,

8 ewiem nnomaa

ne ɛpo mu mpataa,

deɛ ɛnenam ɛpo mu akwan so nyinaa.

9 Ao, Awurade, yɛn Awurade,

wo din kɛseɛ asase nyinaa so!

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto "Ɔba no wuo".

Veja também