Publicidade

Salmos 82

Asaf dwom.

1 Onyankopɔn di ɔhene ɔsoro asafo mu;

ɔbu atɛn "anyame" mu.

2 "Wobɛbɔ wɔn a wɔnteneɛ ho ban

na woayɛ animhwɛ ama amumuyɛfoɔ akɔsi da bɛn?

3 Monka mmɔborɔfoɔ ne nwisiaa asɛm mma wɔn;

mommɔ ahiafoɔ ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiedie ho ban.

4 Monnye ɔbrɛfoɔ ne ohiani;

monnye wɔn mfiri amumuyɛfoɔ nsam.

5 "Wɔnnim hwee, na wɔnte hwee ase.

Wɔkyinkyini esum mu;

na asase fapem nyinaa woso.

6 "Mekaa , Moyɛ "anyame";

mo nyinaa Ɔsorosoroni no mma.

7 Nanso, mobɛwuwu nnipa ;

na moahwe ase sodifoɔ biara."

8 Ao Onyankopɔn, sɔre na bɛbu ewiase atɛn;

ɛfiri amanaman nyinaa wo dea.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-