Publicidade

Salmos 91

1 Deɛ ɔte Ɔsorosoroni no hintabea

bɛhome Otumfoɔ no nwunu mu.

2 Mɛse Awurade , "Woyɛ me dwanekɔbea ne mʼabankɛseɛ,

me Onyankopɔn a mewɔ wo mu ahotosoɔ."

3 Ampa ara, ɔbɛgye wo afiri fidisumfoɔ afidie mu

ne owuyadeɛ mu.

4 Ɔde ne ntakra bɛkata wo so;

na ne ntaban ase na wobɛnya dwanekɔbea;

ne nokorɛ bɛyɛ wo banbɔ ne wo kyɛm.

5 Worensuro anadwo mu ahunahuna,

anaa bɛmma a ɛtu awia,

6 anaa owuyadeɛ a ɛba esum mu,

anaa ɔyaredɔm a ɛsɛe owigyinaeɛ.

7 Apem bɛtotɔ wo nkyɛn mu,

na ɔpedu bɛtotɔ wo nifa,

nanso, wo deɛ, ɛrenka wo.

8 Wʼani nko ara na wode bɛhwɛ

na woahunu nnebɔneyɛfoɔ asotwe.

9 wode Ɔsorosoroni no wo tenabea,

mpo Awurade a ɔyɛ me dwanekɔbea no a,

10 ɔhaw biara remma wo so,

na amanehunu biara remmɛn wo ntomadan.

11 Ɛfiri ɔbɛhyɛ nʼabɔfoɔ a wɔhwɛ wo so no

abɛbɔ wo ho ban wʼakwan nyinaa mu;

12 wɔde wɔn nsa bɛpagya wo,

na wo nan rensunti ɔboɔ.

13 Wobɛtiatia agyata ne aprammire so,

wobɛnante gyataburuwa ne ɔtweaseɛ so.

14 Awurade ka , "Esiane ɔdɔ me enti, mɛgye no;

mɛbɔ ne ho ban, ɛfiri ɔnim me din.

15 Ɔbɛfrɛ me, na mɛgye ne so;

mɛka ne ho amanehunu mu,

mɛgye no, na mahyɛ no animuonyam.

16 Mɛma nkwa nna a ɛware amee no

na makyerɛ no me nkwagyeɛ."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-