Publicidade

Salmos 95

1 Mommra mma yɛnto dwom anigyeɛ so mma Awurade;

momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagyeɛ Botan no.

2 Momma yɛmfa aseda mmra nʼanim,

na yɛmfa ahosɛpɛ nnwom mma no so.

3 Ɛfiri , Awurade Onyankopɔn kɛseɛ,

ɔhenkɛseɛ anyame nyinaa so.

4 Ne nsam na asase mu nneɛma nyinaa ,

na mmepɔ mpampam no.

5 Ɛpo no. Ɔno na ɔbɔeɛ,

na ne nsa na ɛnwonoo asase kesee no.

6 Mommra mma yɛnkoto nsom no.

Momma yɛmmu nkotodwe Awurade yɛn Yɛfoɔ no anim!

7 Ɔyɛ yɛn Onyankopɔn;

yɛyɛ nʼadidibea nnipa,

ne nnwankuo a ɔhwɛ wɔn so.

Ɛnnɛ, mote ne nne a,

8 mommpirim mo akoma sɛdeɛ moyɛɛ Meriba no,

sɛdeɛ moyɛɛ da no Masa, ɛserɛ no so no,

9 Ɛhɔ no, mo mpanimfoɔ sɔɔ me hwɛeɛ,

a na wɔnim deɛ meyɛ maa wɔn.

10 Me bo fuu saa nnipa no mfeɛ aduanan

na mekaa , "Wɔyɛ nnipa a wɔn akoma amane afiri me ho,

na wɔanhunu mʼakwan."

11 Ɛno enti mekaa ntam mʼabufuo mu ,

"Wɔrenhyɛne mʼahomegyeɛ mu da."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-