Publicidade

Salmos 96

1 Monto dwom foforɔ mma Awurade;

asase nyinaa monto dwom mma Awurade.

2 Monto dwom mma Awurade, na monkamfo ne din;

mompae mu nka ne nkwagyeɛ no daa daa.

3 Monka nʼanimuonyam amanaman mu,

monka nʼanwanwadeɛ a wayɛ nnipa mu.

4 Awurade kɛseɛ na ɔfata ayɛyie;

ɛsɛ wɔsuro no sene anyame nyinaa.

5 Anyame a wɔwɔ aman foforɔ so ahoni bi kwa,

nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro.

6 Animuonyam ne kɛseyɛ nʼanim;

ahoɔden ne animuonyam ne kronkronbea .

7 Momfa mma Awurade, Ao amanaman mmusuakuo,

momfa animuonyam ne tumi mma Awurade.

8 Momfa animuonyam ne din a ɛfata mma Awurade;

momfa afɔrebɔdeɛ nhyɛne nʼadihɔ .

9 Monsɔre Awurade ne kronkronyɛ fɛfɛ mu;

asase nyinaa momma mo ho mpopo nʼanim.

10 Monka nkyerɛ aman nyinaa , "Awurade di ɔhene."

Wɔabɔ asase atim pintinn na ɛnhinhim;

ɔde pɛpɛyɛ bɛbu nnipa atɛn.

11 Momma ɔsorosoro ani nnye, na asase nni ahurisie;

momma ɛpo ne emu nneɛma nyinaa nworo;

12 momma mfuo ne so nneɛma nyinaa mmɔ ose.

Nnua a ɛwɔ kwaeɛm de ahosɛpɛ bɛto dwom;

13 wɔbɛto dwom Awurade anim, ɛfiri ɔreba,

ɔreba abɛbu asase no atɛn.

Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn

na woabu nnipa nso atɛn ne nokorɛ mu.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-