Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 125

Ɔsoroforɔ dwom.

1 Wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so no te Bepɔ Sion,

a ɛnwosoɔ na ɛtim daa.

2 Sɛdeɛ mmepɔ atwa Yerusalem ho ahyia no,

saa ara na Awurade atwa ne nkurɔfoɔ ho ahyia

seesei ne daa.

3 Amumuyɛfoɔ ahempoma renka asase a

wɔde ama teneneefoɔ so.

ɛba saa a, teneneefoɔ

nam wɔn so bɛyɛ bɔne.

4 Ao Awurade, wɔn a wɔyɛ papa no, wɔn papa,

wɔn a wɔtene akoma mu no, wɔn papa.

5 Na wɔn a wɔmane fa akwan kɔntɔnkye so no deɛ,

Awurade bɛpamo wɔn ne nnebɔneyɛfoɔ.

Asomdwoeɛ nka Israel.

Veja também