Publicidade

Salmos 3

Dawid dwom a ɔtoeɛ ɛberɛ a ɔredwane afiri ne babarima Absalom anim.

1 Ao Awurade, hwɛ sɛdeɛ mʼatamfoɔ dɔɔso fa!

Dodoɔ no ara na wɔsɔre tia me!

2 Bebree no ara ka fa me ho ,

"Onyankopɔn rennye no".

3 Nanso, Ao Awurade, woyɛ akokyɛm a atwa me ho ahyia

wohyɛ me animuonyam na wopagya me ti.

4 Meteam su frɛ Awurade,

na ɔgye me so firi ne bepɔ kronkron no so.

5 Metɔ na meda a,

menyane bio, ɛfiri Awurade kora me so.

6 Merensuro atamfoɔ mpem mpem a

wɔatwa me ho ahyia no.

7 Sɔre, Ao Awurade!

Gye me, Ao me Onyankopɔn!

Bobɔ mʼatamfoɔ nyinaa apantan;

na tutu amumuyɛfoɔ se.

8 Awurade na ɔgyeɛ firi ba.

Ma wo nhyira mmra wo nkurɔfoɔ so.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto sankuhoma so.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-