8 Monka nhwɛ na monhunu sɛ Awurade yɛ.
Nhyira ne onipa a ɔhinta wɔ ne mu.
9 Monsuro Awurade, mo a moyɛ nʼahotefoɔ,
na wɔn a wɔsuro noɔ no nhia hwee.
10 Agyata yɛ mmrɛ na ɛkɔm de wɔn,
nanso wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no, adepa biara remmɔ wɔn.
11 Mommra, me mma, monyɛ aso mma me;
mɛkyerɛkyerɛ mo Awurade ho suro.