Publicidade

Salmos 50

Asaf dwom.

1 Tweaduampɔn, Onyankopɔn, Awurade no kasa,

na ɔfrɛ asase nyinaa

ɛfiri apueeɛ kɔsi atɔeɛ.

2 Onyankopɔn hran firi Sion

kuro a ne wie .

3 Yɛn Onyankopɔn reba nanso ɔrenyɛ komm;

ogya a ɛhye nneɛma di nʼanim,

ahum a ɛretu atwa ne ho ahyia.

4 Ɔfrɛ ɔsorosoro ne asase,

ɔrebu ne nkurɔfoɔ atɛn;

5 Ɔka , "Boaboa nnipa a wɔate wɔn ho no ano ma me,

wɔn a wɔnam afɔrebɔdeɛ so ne me yɛɛ apam no."

6 Ɔsoro pae mu ka ne tenenee,

na Onyankopɔn ankasa ne ɔtemmufoɔ.

7 "Montie, me nkurɔfoɔ na mɛkasa,

mɛdi adanseɛ atia wo, Ao Israel;

Mene Onyankopɔn, wo Onyankopɔn no.

8 Merenka mo anim mo afɔrebɔdeɛ

anaa mo hyeɛ afɔdeɛ a ɛwɔ mʼanim daa no ho.

9 Anantwinini a wɔfiri mo mfuo so

anaa mpapo a wɔfiri mo buo mu ho nhia me,

10 ɛfiri kwaeɛ mu aboa biara me dea,

anantwie a wɔwɔ nkokoɔ mpempem so nso saa ara.

11 Menim anomaa biara a ɔwɔ mmepɔ no so,

na wiram abɔdeɛ nyinaa me dea.

12 ɛkɔm dee me a, anka merenka nkyerɛ mo;

ɛfiri , ewiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa me dea.

13 Mewe anantwinini nam,

na menom mpapo mogya anaa?

14 Momfa aseda afɔdeɛ mma Onyankopɔn,

na monni bɔhyɛ a mohyɛɛ Ɔsorosoroni no so,

15 na momfrɛ me da hiada;

na mɛgye mo na moahyɛ me animuonyam."

16 Nanso, amumuyɛfoɔ deɛ, Onyankopɔn bisa wɔn ,

"Adɛn enti na moka me mmara ho asɛm

na mʼapam da mo ano?

17 Mokyiri me nkyerɛkyerɛ

na moto me nsɛm gu mo akyi.

18 mohunu ɔkorɔmfoɔ a, mode mo ho no;

na mo ne awaresɛefoɔ nso .

19 Mode mo ano bɔne

na mode mo tɛkrɛma boaboa nnaadaa ano.

20 Mokasa tia mo nuabarima ɛberɛ biara

na mosopa mo ankasa maame ba.

21 Moayɛ yeinom nyinaa; nanso manka hwee,

enti mosusu mete mo.

Nanso mɛka mo anim

na mede mo soboɔ asi mo anim.

22 "Monnwene yei ho, mo a mo werɛ firi Onyankopɔn,

anyɛ saa a, mɛtete mo mu nketenkete a obiara mmɛgye mo;

23 Deɛ ɔbɔ aseda afɔdeɛ no hyɛ me animuonyam,

na ɔsiesie ɛkwan

sɛdeɛ mɛda Onyankopɔn nkwagyeɛ adi akyerɛ no."

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-