Publicidade

Salmos 7

Dawid adesrɛ dwom a Benyaminni Kus nsɛm enti ɔto maa Awurade.

1 Ao, Awurade me Onyankopɔn,

medwane metoa wo;

Gye me firi wɔn a wɔtaa me nyinaa nsam,

2 anyɛ saa a wɔbɛtete me mu gyata

na wɔatete me mu asinasini a

obiara rentumi nnye me.

3 Ao, Awurade me Onyankopɔn, mayɛ yei

na afɔdie aba me so a,

4 mayɛ bɔne atia deɛ ɔne me te yie

anaasɛ mabɔ me ɔtamfoɔ korɔno kwa a,

5 ɛnneɛ ma mʼatamfoɔ ntaa me na wɔmmɛto me;

ma wɔntiatia me so fam

na wɔmma me funu nna mfuturo mu.

6 Sɔre wʼabufuo mu, Ao Awurade!

Sɔre tia mʼatamfoɔ abufuo.

Nyane, me Onyankopɔn; hyɛ atɛntenee mmara.

7 Ma nnipadɔm mmɛtwa wo ho nhyia.

Firi soro di wɔn so;

8 ma Awurade mmu nnipa no atɛn.

Bu me atɛn, Ao Awurade sɛdeɛ me teneneeyɛ teɛ,

sɛdeɛ me nokorɛdie teɛ, Ao Ɔsorosoroni.

9 Ao Onyankopɔn teneneeni,

wo a wohwehwɛ adwene ne akoma mu,

fa amumuyɛfoɔ basabasayɛ bra awieeɛ

na ma ateneneefoɔ nya banbɔ.

10 Mʼakokyɛm ne Ɔsorosoro Onyankopɔn

deɛ ɔgye akoma mu teneneeni no.

11 Onyankopɔn ɔtemmufoɔ teneneeni,

Onyame a ɔda nʼabufuo adi da biara.

12 wansesa nʼadwene a,

ɔbɛse nʼakofena ano;

ɔbɛkuntunu ne tadua na ɔde bɛmma ahyɛ mu.

13 Wasiesie ne kɔdiawuo akodeɛ;

ayɛ ne bɛmma a ɛrederɛ no krado.

14 Deɛ ɔnyinsɛn amumuyɛ

na basabasayɛ ahyɛ no ma no, ɔwo nnaadaa.

15 Deɛ ɔtu tokuro na ɔyi mu dɔteɛ no

hwe tokuro a watu no mu.

16 Ɔhaw a ɔde ba no dane nʼankasa so;

ne basabasayɛ nʼankasa tiri so.

17 Mede aseda bɛma Awurade

ne tenenee enti

na mato ayɛyi dwom ayi Awurade, Ɔsorosoroni no din ayɛ.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ wɔnto no "gittit" sankuo nne so.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-