Publicidade

Salmos 89

Esrahini Etan ɔhaw ne amanehunu dwom.

1 Mɛto Awurade adɔeɛ ho dwom daa daa;

mede mʼano bɛda wo nokorɛdie adi awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

2 Mɛka wʼadɔeɛ no tim daa nyinaa,

na watim wo nokorɛdie ɔsoro ankasa.

3 Wokaa , "Me ne onipa a mayi no no ayɛ apam;

maka ntam akyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid.

4 Mɛma wʼase atim daa

na wʼahennwa nso atim awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa mu.’ "

5 Ao Awurade, ɔsorosorofoɔ kamfo wʼanwanwadeɛ,

na wo nokorɛdie nso, wɔkamfo ahotefoɔ asafo mu.

6 Na hwan na ɔne wo Awurade ɔsoro ?

Hwan na ɔte Awurade ɔsoro abɔdeɛ mu?

7 Akronkronfoɔ agyinatufoɔ mu, wosuro Onyankopɔn;

wɔde suro ma no sene wɔn a wotwa ne ho hyia nyinaa.

8 Ao Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn, hwan na ɔte woɔ?

Ao Awurade woyɛ kɛseɛ na wo nokorɛdie atwa wo ho ahyia.

9 Wodi ɛpo a ɛreworo soɔ so;

nʼasorɔkye bobɔ ɔsoro a, wobrɛ no ase.

10 Wodwerɛɛ Rahab atɔfoɔ no mu baako;

wode wo basa denden no bɔɔ wʼatamfoɔ pansameeɛ.

11 Ɔsoro wo, na asase nso wo;

ewiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, wo na wohyɛɛ aseɛ.

12 Wobɔɔ atifi ne anafoɔ.

Tabor ne Hermon de ahosɛpɛ to dwom ma wo din.

13 Tumi ayɛ wo basa ma;

wo nsam ahoɔden, wama wo nsa nifa so.

14 Wʼahennwa no fapem tenenee ne atɛntenenee;

adɔeɛ ne nokorɛdie di wʼanim.

15 Nhyira nka wɔn a wɔasua sɛdeɛ wɔbɔ wo abɔdin,

wɔn a wɔnante wʼanim hann no mu, Ao Awurade.

16 Wɔgye wɔn ani wo din mu da mu nyinaa;

wɔdi ahurisie wo tenenee mu.

17 Wone wɔn animuonyam ne ahoɔden,

na wʼadom enti yɛyɛ nkonimdifoɔ.

18 Ampa ara, yɛn banbɔ firi Awurade ,

na Israel Kronkronni no ama yɛn Ɔhene.

19 Ɛda bi wokasaa anisoadehunu mu,

kyerɛɛ wʼahotefoɔ ,

"Madom ɔkofoni bi ahoɔden;

mapagya aberanteɛ bi afiri nnipa no mu.

20 Mahunu Dawid, me ɔsomfoɔ;

mede me ngo kronkron no asra no.

21 Me nsa bɛwowa no;

ampa ara mʼabasa bɛhyɛ no den.

22 Ɔtamfoɔ biara renhyɛ no ɔntua toɔ;

omumuyɛfoɔ biara rentumi nhyɛ ne so.

23 Mɛdwerɛ nʼatamfoɔ nʼanim

na mabobɔ nʼahohiahiafoɔ ahwe fam.

24 Me nokorɛ adɔeɛ bɛka ne ho,

na me din mu, wɔbɛma nʼabɛn so.

25 Mɛtrɛ nʼahyeɛ mu akɔsi ɛpo so,

na ɔde ne nsa nifa bɛto nsubɔntene so.

26 Ɔbɛfrɛ me aka , Wone mʼagya,

me Onyankopɔn, me nkwagyeɛ botan.

27 Mɛyɛ no mʼabakan,

asase so ahene nyinaa no mu ɔkɛseɛ.

28 Mɛma mʼadɔeɛ a mewɔ ma no no atena daa,

na apam a me ne no ayɛ nso bɛtena daa.

29 Mɛma nʼase atim afebɔɔ,

nʼahennwa nso bɛtim akɔsi ɔsoro bɛtwam.

30 "ne mmammarima po me mmara

na wɔanni mʼahyɛdeɛ so,

31 wɔbu mʼahyɛdeɛ so

na wɔanni me ɔhyɛ nsɛm so a,

32 ɛno deɛ, mede abaa bɛtwe wɔn aso wɔn bɔne ho

na wɔn amumuyɛ nso mede mmaatwa atwe wɔn aso;

33 Nanso, merennyae mʼadɔeɛ a meyɛ ma noɔ no

na mɛkɔ so adi no nokorɛ.

34 Meremmu mʼapam no so

na merensesa deɛ mede mʼano aka no.

35 Menam me din kronkron no so aka ntam prɛko,

na merentwa Dawid atorɔ da.

36 Meremma nʼase ntɔre da

na nʼahennwa nso bɛtim mʼanim te owia;

37 ɛbɛtim daa te ɔsrane,

ɔdansefoɔ nokwafoɔ a ɔwɔ ewiem no."

38 Nanso woapo no, woapa nʼakyi

wo bo afu deɛ woasra no ngo no.

39 Woagu apam a wo ne wo ɔsomfoɔ pameeɛ no

woagu nʼahenkyɛ ho fi mfuturo mu.

40 Woabubu nʼafasuo nyinaa

ama nʼabandenden adane mmubuiɛ.

41 Wɔn a wɔtwam nyinaa fom no fa;

na wayɛ aniwudeɛ ama ne mfɛfoɔ.

42 Woama nʼatamfoɔ nsa nifa so;

ama wɔn nyinaa di ahurisie.

43 Woama nʼakofena ayɛ ɔkwa,

na woannyina nʼakyi ɔko mu.

44 Wode nʼanimuonyam aba awieeɛ

na woato nʼahennwa atwene fam.

45 Woatwa ne mmeranteberɛ nna so

na wode animguaseɛ ngugusoɔ akata ne so.

46 Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wode wo ho bɛhinta afebɔɔ anaa?

Wʼabofuhyeɛ bɛkɔ so adɛre akɔsi da bɛn?

47 Kae sɛdeɛ me nkwa nna twam ntɛm so.

Ɛfiri woabɔ yɛn nyinaa adeɛ a ɛtwa mu ntɛm so!

48 Hwan na ɔbɛtena ase a ɔrenwu da?

Anaasɛ hwan na ɔbɛtumi agye ne ho afiri owuo tumi nsam?

49 Ao Awurade, ɛhe na wo tete adɔeɛ kɛseɛ no ,

deɛ wofiri wo nokorɛdie mu de kaa ntam kyerɛɛ Dawid no?

50 Awurade kae sɛdeɛ wɔadi wo ɔsomfoɔ ho

ne sɛdeɛ manya akoma ama amanaman no akutiabɔ.

51 Ao Awurade, akutiabɔ a wʼatamfoɔ de adi fɛw,

de adi deɛ woasra no ngo no anammɔntuo biara ho fɛw.

52 Ayɛyie nka Awurade daa!

Amen, Amen.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-