Publicidade

Salmos 92

Dwom a wɔto no Homeda.

1 Ɛyɛ wɔkamfo wo Awurade

na wɔto dwom de hyɛ wo animuonyam, Ao Ɔsorosoroni,

2 na wɔpae mu ka wʼadɔeɛ anɔpa

ne wo nokorɛ anadwo,

3 ahoma edu sankuo so

ne sankuten nnwom mu.

4 Ao Awurade, wo nneyɛɛ ma mʼani gye;

mede anigyeɛ bɛto dwom, wo nsa ano nnwuma enti.

5 Ao Awurade, wo nnwuma akɛseɛ,

na wo nyansa mu !

6 Ogyimifoɔ nnim

na nkwaseafoɔ nte aseɛ,

7 amumuyɛfoɔ bɛnyini ɛserɛ

na abɔnefoɔ bɛyɛ frɔmfrɔm deɛ,

nanso wɔbɛsɛe wɔn pasaa.

8 Na wo Awurade, woyɛ kɛseɛ afebɔɔ.

9 Ao Awurade ampa ara,

wʼatamfoɔ bɛyera;

na wobɛhwete abɔnefoɔ nyinaa.

10 Woama me ahoɔden te ɛkoɔ;

woahwie ngohwam papa agu me so.

11 Mahunu mʼatamfoɔ nkoguo a wɔadi,

mate sɛdeɛ mʼatamfoɔ atirimuɔdenfoɔ adwane afiri akono.

12 Ateneneefoɔ bɛyɛ frɔmm te abedua,

wɔbɛnyini Lebanon ntweneduro;

13 deɛ wɔadua Awurade fie,

wɔbɛnyini frɔmfrɔm yɛn Onyankopɔn adihɔ .

14 Wɔbɛkɔ so aso aba, onyinkyerɛ mu mpo,

wɔbɛyɛ frɔmm ahahammono,

15 de akyerɛ , "Awurade ɔteneneeni;

ɔyɛ me botan, na atirimuɔdensɛm biara nni ne mu."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-