Publicidade

Salmos 149

1 Monkamfo Awurade.

Monto dwom foforɔ mma Awurade,

monkamfo no ahotefoɔ asafo mu.

2 Ma Israel ani nnye ne Yɛfoɔ mu.

Ma Sion mma ani nnye wɔn Ɔhene mu.

3 Ma wɔmfa asa nkamfo ne din

na wɔmfa sankuo ne akasaeɛ nto dwom mma no.

4 Na Awurade ani ne nkurɔfoɔ;

ɔde nkwagyeɛ kyɛ hyɛ ahobrɛasefoɔ.

5 Momma ahotefoɔ nni ahurisie animuonyam yi mu;

na wɔnto ahosɛpɛ dwom wɔn mpa so.

6 Onyankopɔn nkamfo nhyɛ wɔn anomu

na ɛnyɛ akofena anofanu wɔn nsam,

7 wɔmfa ntɔ werɛ amanaman no so

ne asotwe nnipa no so,

8 wɔmfa nyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn nkyekyere wɔn ahemfo,

ne dadeɛ mpɔkyerɛ ngu wɔn atitire,

9 wɔmfa mmu atɛn sɛdeɛ wɔatwerɛ atia wɔn no.

Yei ne nʼahotefoɔ nyinaa animuonyam.

Monkamfo Awurade.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-