1 Awurade ntie wo wɔ wʼahohia mu;
Yakob Onyankopɔn din mmɔ wo ho ban.
2 Ɔmfa mmoa mfiri kronkronbea hɔ mmrɛ wo
na ɔmfiri Sion mmɛhyɛ wo den.
3 Ɔnkae wʼafɔrebɔ nyinaa
na ɔmma wo hyeɛ afɔdeɛ nsɔ nʼani.
4 Ɔmma wo deɛ wʼakoma pɛ,
na wo nhyehyɛeɛ nyinaa nyɛ yie.