Publicidade

Salmos 57

Dawid dwom a ɔtooɛ ɛberɛ a ɔdwane firii Saulo nkyɛn kɔɔ ɔbodan no mu.

1 Hu me mmɔbɔ, Ao Onyankopɔn, hunu me mmɔbɔ,

na wo mu na me kra nya dwanekɔbea.

Wo ntaban nwunu ase na mɛpɛ dwanekɔbea

kɔsi amanehunu no bɛtwam.

2 Mesu frɛ Onyankopɔn, Ɔsorosoroni no;

Onyankopɔn a ɔma ne ba mu me ho.

3 Ɔsoma firi soro bɛgye me nkwa,

ɔka wɔn a wɔtaa me anibereɛ so no anim;

Onyankopɔn soma ne ne ne nokorɛ.

4 Agyata atwa me ho ahyia;

meda mmoa a wɔwe ɛnam mono mu,

nnipa a wɔn se te mpea ne mmɛmma

na wɔn tɛkrɛma te akofena a ɛyɛ nnam.

5 Ao Onyankopɔn, woyɛ kɛseɛ ɔsorosoro ;

ma wʼanimuonyam nkata asase nyinaa so.

6 Wɔtrɛɛ asau mu de sum me nan afidie,

ahohiahia brɛɛ me ase.

Wɔtuu amena me kwan mu,

nanso wɔn ankasa akɔtotɔ mu.

7 Ao Onyankopɔn, mʼakoma agyina pintinn,

mʼakoma nhinhim;

mɛto dwom na mayi wo ayɛ.

8 Me kra nyane!

Sankuo ne bɛnta, monnyane!

Me nso mɛnyane anɔpahema.

9 Ao Awurade, mɛyi wo ayɛ amanaman no mu;

mɛto wo ho dwom nnipa mu.

10 Wo kɛseɛ na ɛduru ɔsorosoro;

wo nokorɛ kɔka ewiem.

11 Ao Onyankopɔn, woyɛ kɛseɛ ɔsorosoro ;

ma wʼanimuonyam nkata asase nyinaa so.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto "Mma Wɔnsɛe No" sankuo nne so.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-