5 Ao me kra, gye wʼahome wɔ Onyankopɔn nko ara mu;
na ne mu na mʼanidasoɔ wɔ.
6 Ɔno nko ara ne me botan ne me nkwagyeɛ;
ɔyɛ mʼaban, na merenhinhim.
7 Me nkwagyeɛ ne mʼanimuonyam gyina Onyankopɔn so;
ɔyɛ me botan a ɛkorɔn, ne me dwanekɔbea.
8 Ao me nkurɔfoɔ, momfa mo ho nto ne so daa;
monka mo akoma mu nsɛm nyinaa nkyerɛ no,
ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea.