Publicidade

Salmos 62

Dawid dwom.

1 Me ɔkra ahomegyeɛ Onyankopɔn nko ara mu;

me nkwagyeɛ firi ne nkyɛn.

2 Ɔno nko ara ne me botan ne me nkwagyeɛ;

ɔyɛ mʼaban, na merenhinhim da.

3 Mobɛkɔ so ahyɛ onipa baako so akɔsi da bɛn?

Mo nyinaa mobɛsum no ahwe fam anaa?

Mayɛ ɔfasuo a akyea, ɛban a ɛrebuo wɔn ani so.

4 Wɔayɛ adwene wɔbɛtu me

afiri me diberɛ a ɛkorɔn no so;

wɔn ani gye atorɔ die ho.

Wɔde wɔn ano hyira

na wɔn akoma mu deɛ, wɔdome.

5 Ao me kra, gye wʼahome Onyankopɔn nko ara mu;

na ne mu na mʼanidasoɔ .

6 Ɔno nko ara ne me botan ne me nkwagyeɛ;

ɔyɛ mʼaban, na merenhinhim.

7 Me nkwagyeɛ ne mʼanimuonyam gyina Onyankopɔn so;

ɔyɛ me botan a ɛkorɔn, ne me dwanekɔbea.

8 Ao me nkurɔfoɔ, momfa mo ho nto ne so daa;

monka mo akoma mu nsɛm nyinaa nkyerɛ no,

ɛfiri Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea.

9 Nnipa nyinaa te home;

akɛseɛ ne nkumaa nyinaa nka hwee;

wɔkari wɔn nsania so a, wɔnka hwee;

wɔn nyinaa mu a, wɔyɛ home mu tutuo.

10 Mommfa mo ho nto nsisie so

na monnhoahoa mo ho korɔnodeɛ ho;

ɛwom mo ahonya dɔɔso deɛ,

nanso mommfa mo akoma nto so.

11 Asɛm baako na Onyankopɔn aka,

nsɛm mmienu na mateɛ ,

wo, Onyankopɔn, wo na wowɔ ahoɔden,

12 na wo, Awurade, wo na woyɛ adɔeɛ.

Ampa ara, wobɛtua obiara ka

sɛdeɛ nʼadwuma teɛ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-