Publicidade

Salmos 75

Asaf dwom.

1 Ao Onyankopɔn, yɛda wo ase,

yɛda wo ase, ɛfiri wo Din abɛn;

nnipa ka wʼanwanwadeɛ kyerɛ.

2 Woka , "Me na mehyɛɛ ɛberɛ a ɛsɛ no;

ɛyɛ me na mebu atɛntenenee.

3 asase ne ɛso nnipa nyinaa woso a,

me na mema nʼafadum gyina pintinn.

4 Meka kyerɛ ahantanfoɔ , Monnhoahoa mo ho bio,

na meka kyerɛ amumuyɛfoɔ nso , Mommma mo mmɛn so.

5 Mommma mo mmɛn so ntia ɔsoro;

mommfa animtiabuo nkasa.’ "

6 Obiara mmfiri apueeɛ anaa atɔeɛ

anaa ɛserɛ no so a ɔbɛtumi ama obi so.

7 Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔbu atɛn:

Ɔbrɛ ɔbaako ase, na ɔma ɔfoforɔ so.

8 Kuruwa bi hyɛ Awurade nsam

nsã bi a ɛtwa ahuro a wɔde nnuhwam afra ahyɛ no ma;

ɔhwie, na asase so amumuyɛfoɔ nyinaa

nom ma ɛka aseɛ puo.

9 Me deɛ, mɛpae mu aka yei daa daa;

mɛto ayɛyi dwom ama Yakob Onyankopɔn.

10 Mɛbubu amumuyɛfoɔ nyinaa mmɛn,

nanso mɛma ateneneefoɔ ahoɔden foforɔ.

Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoɔ.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-